We’ve updated our Terms of Use to reflect our new entity name and address. You can review the changes here.
We’ve updated our Terms of Use. You can review the changes here.

KUBORLOR

by KWAME BRENYA

/
  • Streaming + Download

    Includes unlimited streaming via the free Bandcamp app, plus high-quality download in MP3, FLAC and more.
    Purchasable with gift card

      $3 USD  or more

     

about

we all, are vagrant souls roaming around the world on a mission. That we only return home after we have accomplished our mission, "nkrabea" as the Akan call destiny.

I have documented my journey as KUBORLOR

lyrics

efie yɛ dɛ
anɔpa kɔsi anadwo, boo wɔ fie
efie yɛ dɛ
menkɔ nsuo, menni fufuo na m'awɔ fufuo
efie yɛ dɛ
mewɔfaasenom bebree, meesoma Konadu na meesoma Adomaa
efie yɛ dɛ
me ne me nuanom mmeranteɛ, yɛɛbɔ nkɔmmɔdɛ no na yɛɛgye akyinyeɛ
Mhm...
efie nyɛ dɛ
sɛ yɛɛgyegye ntoboa wɔ fie a, me nkoa'a me nnya bi mma
efie nyɛ dɛ
me wɔfaasefoɔ kɔgya me kwan a me nnya ɔmo kaprɛba
efie nyɛ dɛ
meho nyɛ dɛ enti mentumi nyɛ dɛ
me danmu nyɛ fɛ, me nya mpena nso a nka mepɛ
efie nyɛ dɛ
maame 'bɔ aberewa, paapa 'bɔ akɔkora
ɛsɛ sɛ mebɔ bra na mebɛkorakora fie
menyɛ abɔfra bio
efie nyɛ dɛ
enti m'ankra koraa na mefirii fie
KUBORLOR
adwendwene ne mpɛnsɛnmpɛnsɛnmu nti metirinwi atwa mpɛsɛ
KUBORLOR
menam daade, me nhyɛ mpaboa
me mpaboa nyeraae
ɛna me safoa nso nyeraae
m'amma nkran sɛ me'ebɛbɔ akata
mete "krann" na m'aduru hɔ dadaada
KUBORLOR
menya komi sika a, "ofaanɛ hami shitɔ pii"
m'abɔ ko
m'afa Bawku, Bamako, Dakar
seesei menenam Abesewa 'sesa bese
yɛse m'abɔ asesa
KUBORLOR
mese mo sɛ mentumi nsesa
KUBORLOR
menni dan wɔ baabiaa nso mewɔ daberɛ wɔ baabiaa
"mi casa es su casa" wo fie yɛ me fie
me'ekasa wo nso wookasa, yɛ aso na tie
KUBORLOR
mennim aduane noa, nso obiaa yɛ menua enti obia'a aduane yɛ m'aduane
ƆDƆ BAAKO.
KUBORLOR
yɛɛbu me anikyie na yɛɛbɔ y'ani kyerɛ me
ɛnyɛ mea, mo mfa nkyɛ me
KUBORLOR
meekɔpɛ bi'ibi abɛdi na ɛde me abɛduru mebɛyɛɛdɛn
mesrɛ mo ara, mo nka nkyerɛ NANA BƐYƐƐDƐN sɛ ɛnyɛ me ne MEBƐƐYƐDƐN na 'nam
KWAME BRENYA me ne KWABRE NYAME na 'nam
enti mo ma me/yɛ akonwa, nsuo ne sradenam
mebɛsraa mo
menenam
ɛnkyɛ mɛtoa m'akwantuo so
KUBORLOR
aniha nua ne ohia enti mentena faako
KUBORLOR
nimdeɛ ne sika nni faako enti menenam amanfoɔ man so
KUBORLOR
abusua ani da meso
enti sɛ nneɛma ntotɔɔ so a me nsii fie kwan so
mhm
KUBORLOR "ho" na m'a"ho"
MHMM

credits

released June 6, 2022
written and performed by KWAME BRENYA
produced by ZAGUNOR

license

all rights reserved

tags

about

KWAME BRENYA Accra, Ghana

AKƆM: The manifestation of God through MUSIC, POETRY, STORYTELLING and DRAMA.

contact / help

Contact KWAME BRENYA

Streaming and
Download help

Report this track or account

If you like KWAME BRENYA, you may also like: