We’ve updated our Terms of Use to reflect our new entity name and address. You can review the changes here.
We’ve updated our Terms of Use. You can review the changes here.

BR​Ɛ​NYA NE BARIMA

by KWAME BRENYA

supported by
/
  • Streaming + Download

    Includes unlimited streaming via the free Bandcamp app, plus high-quality download in MP3, FLAC and more.
    Purchasable with gift card

      $20 USD  or more

     

1.
ƆKWANTUNI 03:00
Hmmm….Ɔkwantuni, menkɔeɛ mu na me mmaeyɛ mu Hmmm….Ɔkwantuni, m’adidiyɛ mu na me nnaeyɛ mu Hmmm….Ɔkwantuni, menhunu hwee, menam kwaeɛ mu Baabi a me mogya firi yɛfrɛ hɔ Ohianimguase Baabi a meekɔ yɛfrɛ hɔ Ohianimguase Tie no yie.. Baabi a me firi yɛfrɛ hɔ Ohia yɛ animguaseɛ Baabi a meekɔ yɛfrɛ hɔ Ohia anim agu ase Baabi a mefiri, yɛfiri na yɛadidi Baabi a meekɔ, yɛdidi free Baabi a me kraa firi yɛfrɛ hɔ Nkwantakɛse Wo duru yɛnkwanta so a kuro a ɛdi kan yɛfrɛ no Akɔm Enti menim sɛ sɛ mefa Akɔm a, Nana Owusu Afriyie, mɛduru fie. Boa me na yɛnkɔm na ɛnkyɛ, AKƆM bɛkum yɛyam kɔm Ɛyɛ nkɔmhyɛ.
2.
ANANSESƐM 04:56
Na ɛɛkɔ na ɛreba Na ɛɛkɔ, na ɛreba CHORUS Meebɛto mo anansesɛm bi Anansesɛm a ɛmfa ananse ho Mo ma me nto mo anansesɛm ni Anansesɛm wei yɛ me a’a m’asɛm VERSE 1 ɛberɛ a mehyɛɛ nwom aseɛ no na mekae sɛ ayɛ yie awie enti anyɛ koraa no kaa deɛ akyɛ a’a mfeɛ mmeɛnsa akyi mɛgye me deɛ mfeɛ du-nkron ni bisa me sɛ adɛn (adɛn?) Me maa mmaa bebree bebaa m’akwanmu ma Na mennya twaberɛ na m’ayɛ adwuma Wɔsosɔɔ meso sɛ asoroboa kɔɔ soro Saa na ɔboa, ɔɔboa ama m’atoro Mese m’asoro nanso wei deɛ ɛboro so M’ayɛ sonsono; Susuane atwi afa me so Nka mensonsɔn meho na m’ani nkɔ menwom ho ɔdɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn sɔɔ mekɔn ayɔnkoɔ a na me ne ɔmo rekɔ twaa me bɔɔe ɔbɔɔ meho pɔ kɔ kɔtɔɔ nea medɔ ɛyɛɛ me dambɔ maa mehyɛɛ meho bɔ sɛ ɔkɔtɔ o, nyenyankyerɛ o, ɔnkɔ wei nyinaa akyi, sɛ mekyim a na ɛɛkɔ n’akyi kyenkyenaa a na ɛsɛ sɛ ɔkyena meyɛ yie nti mebirekyii sɛ mɛkyere kɔm akɔ aburokyi’ apɔnkye, m’anya nkyene, m’annhwɛ m’akyi m’ani tee, na mesan kɔ me tete no a na meboro a ntentan koraa te me hwe ansana me ne anwensɛm ɛɛbɛsan ama m’ahu m’akwantuo na m’ahu me kwan CHORUS Meebɛto mo anansesɛm bi Anansesɛm a ɛmfa ananse ho Mo ma me nto mo anansesɛm ni Anansesɛm wei yɛ me a’a m’asɛm VERSE 2 Ɛmmerɛ bi ….Kwame Wusu Na M’asu ama me sumiiɛ mpo bo afu Ɔse anadwodasuomu biara mede nisuo fɔ no Nanso adeɛ kye me nhata no Ɛna mekyerɛkyerɛɛ no mu Sɛ ɛnyɛ deɛ ɔbɔfoɔ hunu no wuramu nyinaa na ɔbɛka Me nsi me ntomago wɔ piemu ɛmfa mmɛsɛne abɔntene Na nea ɔɔsene, sɛsɛɛ ne dadwene mpo sene me… Woammɛ si me atwetwe Ɛtɔ da mpo a na akɔyɛ twe ma me ntwe… me ne Meho… Meho se w’abrɛ. … me se ɛyɛ aboterɛ Ɔse yɛn ntwɛn nkɔsi dabɛn? Me se yɛnnom nsuo ntwɛn ɔpɛ Ɛyɛ Nyame pɛ a, nneɛma bɛyɛ pɛpɛɛpɛ Sɛ woyɛ abɔfra a Ɛyɛ wo sɛ abrabɔ yɛ tteee Wootentene ne bɛtene tentene ayɛ pɛ Afutusɛm yɛ wo hurodohuradasɛm Wo bɛyɛ abɛmaa pɛ Na woani so ɛyɛ a tewo tɛ Wonni deɛ wokɔn dɔ Afei deɛ woosam w’anim fifire ansa na wonsa akɔ W’ano Ɛnni gyina, Na woayɛ agya Yɛde fie agya wo Woobɛyi akɔnhoma asan atɔ ayie ntoma Ntensere, sɛ woannyere woho Obiara bɛsene wo Wo mma bɛyere wo Wo yere bɛteetee wo
3.
DABIDABI 04:24
dabidabi na mɛka m'asɛm, kwame ɛhɔ na wobɛte aseɛ, kwame dabidabi na mɛbɔ m'amaneɛ, kwabena ɛhɔ na wobɛhunu m'asɛm, kwabena ei ebia na menni hɔ, ebia na mewɔ akyirikyiri mohwehwɛ me a monnya me o, kwame ebia na menni hɔ ebia na mewɔ dohoaa mofrɛ me mpo a monnya me o, kwabena KB asɛm a ɛda me soɔ a meeka a adɔfoɔ se mentwa so'ɔ ɔpaso a meepa nwoma soɔ nka abusua mfasoɔ nansoso adane mpoabɔ meebɔ m'amaneɛ akyerɛ hwan ni? kwabena, ka m'asɛm yi bi ma me'ɛ PA nsɛm no deɛ ɛdɔɔso nanso ɛnyɛ nsɛm nyinaa na ɛyɛ nsɛm kwame, w'asɛm yi deɛ ama me abɔ birim na ama m'akoma ate asensɛn me deɛ, ɛnyɛ me nwanwa esiane sɛ abusua pɛ dɔm abusua korɔ yi a'a nso ɛkyiri kɔm **mmɔguo KB me deɛ na mese meeforo ɔdupɔn na m'ate nnuaba no dodoɔ de akum abusua yam kɔm ɛno na ato me ne akɔm. yɛse woforo duapa a wonya boafoɔ m'annya piafoɔ na meepia me ho'ɔ na abusua adane nhohoɔ na ɔwe me kwame, me a'a me fie, m'adane ɔhɔhoɔ PA kwame, w'asɛm yi deɛ akɔyɛ asɛmsɛbɛ me deɛ mente aseɛ me deɛ menhu so barima, kyerɛkyerɛ me mu, kyerɛkyerɛ me mu yie na barima ba, me nsoso mente aseɛ ɛne sɛn, ɛne sɛn onua, ɛkɔbaa no sɛn... obi abranteɛ a m'asi so a mebɔ meho mmɔden wɔ sukuu afei akɔm afa me wɔ aberɛ a m'annfa bodua menan bobɔ fam m'atwa mpɛsɛmpɛsɛ obia'a se deɛ meeyɛ no deɛ ɔmpɛ obiaa mpɛ sɛ mɛyɛ saa nanso me nnwom, me nnwom no deɛ, yɛse ɛɛdɛ na ɛno nti adane amunamuna hmm... kwabena, na sɛ meeka a, na sɛ meeka a, ɛbɛyɛ adane akotia nanso ɛnyɛ akotia asɛm a ato me na meebɔ no amaneɛ sɛ deɛ deɛ ɔretwam nso bɛfa mu aba de abɔ bra PA aba deɛ ɛyɛ (mhm) nanso aba pa na yɛpɛ (nokorɛ) enti woregu aba fua fua ama no afifiri daakye nti ɛwɔ sɛ wohyɛ wo sapɔ mu nsuo na nom akokoduro ma w'akoma nyere potii (m'ate) na wonam a pagya wotie (m'ate) na ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛdɔ wo nti na ama wo deɛ akɔyɛ nsɛm pii (m'ate, na m'ate aseɛ nso... MHMMM)
4.
BOBO 04:18
mhmmm kwame brɛnya ɔbra akwantuo de me kɔpuee senegal abosome nwɔtwe wɔ kuropɔn dakar yafunu mu afei na asetena no afono me dabiaa "cherp cherp"- ɛmo yi, na adɔ me wollof kasa no a me tɛkrɛma ntumi french no nsoso a mente no papa bi "un peur, un peur", nketenkete kuntunu, na ɛsɛ sɛ mehwan na meba menkyi na deɛ ɛtoo me wɔ kwan so na m'ayɛ no nsadwase nnwom yi MMƆGUO (Kpodo & KO) mefiri dakar meretwamu burkina akɔ akɔtena me ghana. m'abɛduru bobo, bobo dioullaso meho sika nyinaa asa ato me ne abooboo meepɛ kwan akɔ mekrom nanso meeyɛ aka bobo meepɛ kwan akɔ mekrom nanso mereyɛ aka bobo bo bo bo...bobo nso meeyɛ aka bobo KB meepɛ ntɛm aba fie abɛdi banku nti metwaa me straight ticket, dakar to kejetia me nsi baabiaa, m'ada kwasiada anɔpa na yɛ'bus a'land wɔ burkina faso asaase so; bobo dioulasso merepɛ kwan akɔ mekrom nanso mereyɛ aka bobo merepɛ kwan akɔ mekrom nanso mereyɛ aka bobo bo bo bo...bobo nso meeyɛ aka bobo KB afei adeɛ kyeeyɛ na yɛnkɔka ma akwantufoɔ nte a, "yɛɛto aba ha ɛno nti ɛhyɛn ntwa mu, gyesɛ mo da" mese "whaaat" ɛha nsoso woka what a wonkaa hwee ɔhene, merefa he sene? aniwa a ɛnnim awerɛhoɔ pɛɛ apata bi ase daae soo ahafo daeɛ dwoada mfa ɔdwoɔ mra a mehyɛn a mede baae se woohu me hene, foro me sɛn, dwodwo woho dekɔ nana ɔsɛe kurom? ligli no nso kakra a ɔdɔfoɔ de domm me, meyii kaa sika mede deɛ aka agyegye m'ayɔnkofoɔ a wɔwɔ hɔ ani; agya "last show" afei na m'ahunu sɛ m'ayɛ line fo onua, wootu kwan a fa kakra to woho afei deɛ meredi mennya na mekɔfa CFA wɔ he, detɔ aduane ma me telefone, defrɛ adɔfoɔ? ɛkɔm retwe me sukɔm nso retwe me adeɛ sa nsoso a na anikum abɛsra me sɛ ɔsrɛ me me mpɛ baabi mma no nna dabrɛ nso mennya na ani yɛ nyan medii nna nan 4 days in faso kwan a mefaa so baae deɛ, afeda yɛbɛtoa so bobo dioulasso MMƆGUO (Kpodo & KO) mefiri dakar meretwam burkina akɔ akɔtena me ghana. m'abɛduru bobo, bobo dioulasso meho sika nyinaa asa ato me ne abooboo meepɛ kwan akɔ mekrom nanso meeyɛ aka bobo meepɛ kwan akɔ mekrom nanso meeyɛ aka bobo bo bo bo...bobo nso meeyɛ aka bobo
5.
DAKAR 06:00
Dakar Accra to Dakar welcome to Dakar wo da a wobɛka (2x) KB ɔbra akwantuo de me kɔpuee Dakar, Senegal kuropɔn mu na mekɔsoeɛɛ ɔpanin bi so ɛwɔ Grand Yoff mekɔduruuyɛ ara pɛ, Kwasiada anɔpa, na ɔde ɛhɔ asɛm bɔɔ me sɛ kuro a m'aba so yi ne din ne nehonam sɛ "yɛfrɛ ha Da-ka-r; sɛ woda a, wobɛka" m'annte aseɛ enti na meesere **mmɔguo** KB owura no pɛɛ baabi maa me daae m'ani teeyɛ na ɛsɛ sɛ medidi ɛna ɔkyerɛɛ me sɛ "oh Ghanafoɔ bi yɛ aduane wɔ ha. yɛnkɔ na kɔsa nkwan" Ahafoni, mɛyɛ no deɛn.. menkɔpɛ bi nni, anaa sɛ banku nso a afei yɛkɔduruu bea a yɛdidi no sɛɛ na Ghanafoɔ pii wɔ kurom hɔ, menua wɔn a wɔabɛka hɔ mfeɛ num, mfeɛ du, ebi mfeɛ aduonu ne akyire nwuma a yɛyɛ deɛ titire bɛn? sɛbe nhwehwɛ, ebi nso lotto yi a'a na yɛdi akyire ebi nso nenam kuro no mu hɔ, agya, yɛaka na ɛyɛ awerɛho sɛ ɛno nti yɛreba fie, na merebisa papa no sɛ enti Ghanafoɔ a yɛabɛka ha yi yɛnsan nkɔ fie? ɛna ɔse "hwɛ, asɛm a ɛde wo baa ɛha no, ɛde bebree aba ha. na Dakar asɛm a mereka kyerɛ wo no, ɛno, ɛne no sɛ woda a wobɛka ***mɔguo*** (KO) woakra firi Accra woafa kaa woatwam wɔ Ouaga' Bamako woaduru Senegal, Dakar ɛha na worebɛda? (2x) KB ɔbra ne mu atuɔtena nti mekɔdii baabi foforɔ, Dakar kuro mu hɔ a'a na ɛrekeka kɔ afe na menyaa kakra wɔ meho mese wei deɛ mɛkɔ grand yoff, baabi a medii kan kɔsoɛɛ no, na m'akɔdi Ghanafoɔ aduane kakra, m'akɔsa nkwan meduruu hɔ a'a pɛ, me ne owura yi anim ni, papa yi a mebɛsii ne so n'anim tatrata! ɔse "Ei, Kwame wo daso wɔ Dakar kuro mu ha?" mese "agya aane" ɔse mekakyerɛɛ wo na woosere D A K A R ɛhɔ na meete n'asɛm no ase sɛ DAKAR: sɛ woda a, wobɛka ***mmɔguo*** Dakar Accra to Dakar welcome to Dakar wo da a wobɛka (4x) KB yei ma mehunu sɛ, sɛ wotu kwan kɔsoɛ obi man so a na ɛyɛ dwumadie bi nti na wokɔɔ hɔ a yɛ no waanowaano na firi hɔ na sɛ wokɔɔ no sikapɛ nsoso a yere woho na yɛ adwumaden na nya woho na woatumi aba wo kuro mu na wode kɔyɛ nna deɛ a, menua wo-bɛ-ka woakra firi Accra woafa kaa woatwam wɔ Ouaga' Bamako woaduru Senegal, Dakar ɛha na worebɛda? (2x) Dakar Accra to Dakar welcome to Dakar wo da a wobɛka (2x)
6.
ANKONAM 04:05
Me nko menam o me nko menam Owuo ama m’ayɛ ankonam Ankonam o ankonam Owuo ama m’ayɛ ankonam Me nko menam o me nko menam Owuo ama m’ayɛ ankonam Ankonam o ankonam Owuo ama m’ayɛ ankonam Mekɔhyia ntɔkwa a me nko me ko Mekɔto nsuwa a me nko menom Menya aduane a me nko medi Me nko medi nso a me nko me fe Mekɔhyia ntɔkwa a me nko me ko Mekɔto nsuwa a me nko menom Menya sika a me nko medi Wo nko wodi nso a wo nko wo fe Owuo de ɛdɔm kɔ asaase ase Ama m’adɔfoɔ asa wɔ asaase yi so Nea ɔte m’ase nte ase Enti mete aseɛ sɛ deɛ meeyɛ no mo nte m’ase Nea me ne no hyɛɛ ɔbra ase, kofi Ntiamoa a adesua ama neti amoa, nkonta antumi anko, anku yareɛ Anye kofi nkwa Metwerɛɛ me rap, August 2000 Me ne me yɔnko Mallam,  KOKUROMOTI JSSfoɔ a kasahare agye yɛti Yɛahyehyɛ  nnwom bi AKWADAA BƆNE Kick no gyina mu nti yɛpɛ hammer beat Owuo nti yɛantumi anhyia Hammer Nti ɛnyɛ sɛ me mpɛ nnipa, mepɛ agorɔ di nanso mehunu basketball a na m’akae X G Me nko menam o me nko menam Owuo ama m’ayɛ ankonam Ankonam o ankonam Owuo ama m’ayɛ ankonam Me nko menam o me nko menam Owuo ama m’ayɛ ankonam Ankonam o ankonam Owuo ama m’ayɛ ankonam Mekɔhyia ntɔkwa a me nko me ko Mekɔto nsuwa a me nko menom Menya aduane a me nko medi Me nko medi nso a me nko me fe Mekɔhyia ntɔkwa a me nko me ko Mekɔto nsuwa a me nko menom Menya sika a me nko medi Wo nko wodi nso a wo nko wo fe Kwame brenya M’aba asaase so abɛnya abusua ne ayɔnkoɔ Nanso owuo nti, m’ayɛ ankonam Enti ɔbra akwantuo a meetu yi Sɛ meesu o, sɛ meesere o, obi nnim Me nsusuyɛ nyinaa hyɛ metirim Mekosɛkosɛ hyɛ me koko Enti sɛ ɔko no mu yɛ den a Na mede me nsa apem me koko Na m’akoma aka akyerɛ meho sɛ BRƐNYA NE BARIMA Maame ama wusuaa Kwadaso kwaku brɛnya se woama no ayɛ ankonam Naana agbozo Peterkin the painter se woama nayɛ ankonam wɔ anloga petee mu Kwame ɔsɛe mɛnsa emmanuel Maame salomey Nana yaamaa Nana owusu afriyie Mo nante yie Na emom ɛyɛ a mo nkae me Na monhyɛ me den
7.
8.
9.
OHIANIMGUASE 03:06
Ohiani mɛyɛ deɛn Mese mɛyɛ deɛn Ohiani mɛyɛ deɛn Na menye animguaseɛ Yɛse sika yɛ adeɛ Ɛyɛ adeɛ foforɔ Nanso ohia asoma wo'ɔ Ɛbɛyɛ deɛn na wonkorɔ... Ohia yi nti ne m'animguaseɛ yi oo *** birekuo mma resu wɔn na rekɔpɛ aduane aba akuruboɔ gu afuo n'ano ama wɔaka nsensɛnmu... ohia yɛ animguase apentum n'apesie nyɛ dɛ ɛno na ɛsi gya so no m'anni a mɛdi deɛn... ohia yɛ animguase mpataa aba fo Mankesim dwa so menyaa dwetire a, nka mekɔfaa bi nanso sikasɛm bonwire kente adwene-asa ne fatia fata a ɛbɛfata me hwɛ me ntomago o' ohia yɛ animguase akenkan ne atworɔ na me nso metumi yɔ bi ntoasoɔ sukuu yi m'adwene duru mu paa nanso sikasɛm Bantama akrakuro dɛdɛɛdɛ twintwann ne hwua agye kurom yi obiaa de bi repa n'anom ohia yɛ animguase **** ohia a ɔnnim abɔfra nnim ɔpanin ohia a ɔhinta animuonyam ohia a wɔamma adɔfoɔ ankyerɛ dɔ ohia a ɔkata ahoɔfɛ so-ɔ ohia yi nti ne m'animguaseɛ yi oo
10.
NYANSA 04:06
rest in peace, Tɛpa Kuulio megu so kae deɛ woyɛ maa me ten years ago w'asɛm a daa woka, wose "let them say" ɔdasani, ɔbɛka akɔka deɛ wobɛyɛ no 'kyena nyinaa aka ho ɔbɛkɔ akɔka abɛka wo, wo a woretie mpo, enti twe woho onipa akoma, yɛ no kama tesɛ Akan ma no aduane pa; ɔdɔ, sika yɛ mogya mogya yɛ akoma no gya a ɛma no dɛre mogyaborosoɔ nso yɛ yareɛ dwene ho MMƆGUO (KO) nyansa o, sua nyansa o kɔ aboa ntatea nkyɛn na sua nyansa (2x) (Kpodo) asaase yaa mɛgye nsa... tie ɔba kwasea a woyɛ tofoantie, yɛtu wo fo tie wo nana bɛtuu mmire wo ne hwan bɛkyerɛ sie aso a ɛntie asɛm kɔgya tire wɔ asamando enti Shamo tie, woansua nyansa a wobɛka akyire; Ata Kakra brɛ nya nyansa, ɛnyɛ saa a kafra (KB) mfa woho nto obi so na ɔnsoo woho daeɛ mpo da da na fa adwene deɛ ɛdi kan w'adamfo adeɛ nyɛ wo dea enti dasebrɛ, wote kɔkɔɔkɔ a tetɛ mpoma mu ansana woabue pono "ɔdɔ nyera fie kwan" ɛyɛ adinkra ɛno nti sɛ wo ne Kwame di nkra a na yɛdɔ nsaae deɛ ɛtɔ so mmeɛnsa, wote ase a, serɛ nyansa (KO) ɛna to wo fo a ɛyɛ a tie agya kasa a menua tie ɛmpere woho nkɔtu mmirika, abranteɛ yi obi tu ne ba fo a ɛyɛ a tie bio o, menua ei na mpaninfoɔ aka ato hɔ sɛ afutuo nsakyera onipa, gyesɛ nsɔhwɛ nyansa yi aaa yɛtu wo fo a tie ooo nyansa yi aaa, menua ei panin ho yɛ na, yɛtu wo fo a tie ooo MMƆGUO (KO) nyansa o, sua nyansa o kɔ aboa ntatea nkyɛn na sua nyansa (2x) (KB) Ata Panin, ɔse tuntum yɛ fitaa, tie nyansa nya nyansa ansana woanya ahonyadeɛ anyɛ saa a ne nyinaa bɛyera anwumerɛ ɛba no saa a na wobrɛ ayɛ kwa anadwo wo nna ɛkɔm nso bɛkye wo ahomakye enti anɔpapaa, wode patapaa bɛpue na emom wo nnya kyɛnse ntafere mu deɛ ɔdi hɔ, sɛ adeɛ nya kye wo a, ɛyɛ adwumaden wo ara tu na wo ara sa, na ɔbra ne wo ara Kwesi, ɛbɛyɛ kakra wo to a, ɛdɔm bɛsa aane... to.... sa kyerɛ sɛ, wo woso woto koraa a ɔmo bɛka sɛ wonim sa deɛ ɛtɔ so nsia woafa w'afofoforoafoforo a mfa mfa mmaa so susu foro mpa fa w'ahoɔden foro duapa na yɛmpia wo mmaa deɛ sɛbe, yɛayɛ sɛ mango - afe biara yɛbere ɛnkyɛ nso na yɛagono ɛno nti akɔkora ago no, sɛ ɔnya sika kakra a ɔtumi ware ɔbabunu abranteɛ, mma mmaa nte w'akoma nsan ntete wo bɔtɔ deɛ ɛtɔ so nson, akwantuo no obia'a deɛ da nso ɛno nti Kwame Danso, sɛ wobrɛ a gye w'ahome ɛfiri sɛ Kwame Brɛnya, me mpo sɛ mebrɛ a, megye m'ahome
11.
ƆBRA 05:07
ɔbra ɔbra ɔbra ne deɛ wo ara woabɔ oo (4X) VERSE 1 ɔbra a yɛɛbɔ yi yɛ nsɔhwɛ a woanhwɛ so yie a na ohia ahyɛ wo so deɛ ɛsii nnora ne nnora akyi yɛ nhwɛsoɔ a yɛde mu mfomsoɔ adane yɛmfasoɔ ɔpaso a ɔde apasoɔ ɛɛpa nwomasoɔ ɛnyɛ n’anom dɛ, na ɔkyena ntenasoɔ ɛnnɛ yɛ ɔkyena no a wokaa no nnora no sɛ wobɛsi fie na woadane fiewura no afei adeɛ akye nanso woadane sumiyɛ nnuraho ɛna wogu mpa mu wo mfɛfoɔ gu mpo ano sɔre kɔ adwuma na dwuma nkum nnipa yɛtia nsufi mu, sɛbe, na yɛakɔsa nsu papa ebia woakatua, twɔtwɔpoa, sempoa adum aborosan sɛ ɛnyɛ dakoro adwuma nkakrankakra, anwea, mortar odum 2 by 4, efo carpenter yɛbɔ so, paint… woopɛ ho agyina atwa mfonin wo foto yi ɛɛfɛ o, ɛnyɛ w’anim, w’akyi kae dabi na ohia ho ahi CHORUS ɔbra ɔbra ɔbra ne deɛ wo ara woabɔ oo (4X) HOOK Hmmm… ɔbra yi Obi mmɔ mma obi ɔdasani ne ɔbra yi sɛ ɛbɛyɛ yie a ɛto gye wo a’a VERSE 2 Ghana asikafoɔ wotɔ so sɛn Ebia wokrom, anaa w’abusua mu Sɛ asɛm ba, yɛɛpɛ mmarima a yɛfrɛ wo? Sɛ ayie ba, yɛhia sika a yɛsrɛ wo Wo wofaasefoɔ rekɔ sukuu a wɔbɛkra wo? Woase Kofi Apea, ɔtaa bɛsra wo? Sɛ wonyiano de ma weinom yɛ dabi deɛ a, Na ɛneɛ fa woho adwene na wooyɛ aka akyi Dabiaa kwankwanuase na wooto dame Wosunsum fiedie, te kwakwa, kɔ akorɔma Woato ama wo nsa ano, Ayɛ den sɛ adoee to ɛnso olympic games yɛnto dame ɛkaa me nko a’a deɛ a nka yɛnye asaase yɛnnɔ, mpam, nhye yɛnya ho adaagye yɛnnua kookoo na yɛmfa bankye mfa ase mmerɛ no rekɔ awia no rebɔ yɛmmɔ yɛdan so ansana nsuo atɔ sɛ yɛɛgyae akwadworɔ na yɛagyae nsaborɔ nka ɔbra no bɛyɛ dɛ tesɛ mɔnkɔ nkɔ na ɔkɔ ɔnni n’adwene so n’adwene te ne so tesɛ polo pɔnkɔ na wo koraa wonyɛ akɔraa wotiri ho nyinaa ayɛ sɛ koraa braa, dwene wokra ho wokraa wo nyame sɛ woobɛbɔ bra CHORUS ɔbra ɔbra ɔbra ne deɛ wo ara woabɔ oo (4X)
12.
KWANTINFI 05:17
Ɔbra a meebɔ no yɛ ɔkwan a me'etuo. Ɛyɛ adwene mu na meekɔ no na ɛnyɛ anantuo Mehia nyansa sene atuduro akyi akokoɔduro Enti sɛ wo ntumi ne me nkɔ nkɔduru a, kɔtɔkurodu, Wo ama m'ahunu sɛ ɛnyɛ wonua ne me mmɔborɔ. Menso Mede me mɔborɔ ...mɛkɔso adi m'agorɔ. Mehyira wo kosɛkosɛ..... Kwantinfi Yɔnkoɔ yɛn nkɔ na kɔgya me a wɔagyae me asi asuogya. Animguaseɛ baayuɔse ɔnnim me animuonyam baayɛ a ɔ'frɛ me nenua. Hhmmm..saa na ɔdasani teɛ **Adwea Dɛm aa na ɔte Bɔkɔɔ **Mmmmmm Ayeeeee CHORUS Yiee ɔkwantinfi yɔnkoɔ yi yɛn nkɔ n'kɔgya me a wɔagyae me asi asuogya. Animguaseɛ baayɛ ɔse ɔnnim me animuonyam baayɛ a ɔ'frɛ me nenua Na me dwene sɛ, ɔyɔnkoɔ ne me bɛkɔ Yɛɛhare kodoɔ wɔ ɔdɔ mu de atwa ɛpo kɔkɔɔ Yɛɛto abasakɔnmu de aforo abrabɔ bepɔ Metɔɔ fam na ɔtɔfoɔ tɔɔ pɔnkɔ kwantinfi yɔnkoɔ, ɔkɔ Abranteɛ bi se me nyɛ adwuma, enti ɔntumi ne me nnante Me na meeseɛ sɛ m'awie sukuu, Adɛn na me nkɔyɛ krakye... Krakye, wohyɛɛ nwomtoɔ ase na Eno yɛ abaayewa Woayɛ, ayɛ, ayɛ a'a nso Tɛpa ha yi a'a na wo tetɛ Wo dwom yɛ sinapi aba koraa a, sɛ nka afefɛ Afei adamfoɔ refiri fie a, ɔmfrɛ me Ɔtee sɛ AKƆM yɛ nsɛnkyerɛne na ɔrehwehwɛ me Ahwehwɛ; woabɔ me awie, wo nnya me bio M'ayɛ onyame. M'anya animuonyam M'anya animuonyam M'anya animuonyam Kwantinfi yɔnkoɔ. Firi me do na kɔ CHORUS Yiee ɔkwantinfi yɔnkoɔ yi yɛn nkɔ n'kɔgya me a wɔagyae me asi asuogya. Animguaseɛ baayɛ ɔse ɔnnim me animuonyam baayɛ a ɔ'frɛ me nenua Me dɔfo tie bi ɛe, Sɛ wo nya si agyina sɛ woafa obi yɔnkoɔ Ɛno no nyɛ ko, nkɔsi deɛ mookorɔ. Ɛnyɛ woho sɛ deɛ ɛɛdɛ ba a ɔyɛ wo nua Na sɛ neho kyere no a woayi no ama. Obi nnim daakye asɛm Obi nnim ɔbrempɔn ahyɛaseɛ Enti ɛntoto obibiara ase. Kwame Brenya, m'ano atɔ.
13.
DADA 02:03
Kwame kwame kwame kwame…. Na hwan na moofrɛ no Hwan na moohwehwɛ no Kwame foforɔ yi Anaa kwame dada no Kwame foforɔ na ‘wɔ ha Kwame dada deɛ wɔada Monim dada, ɔpuee dadaada, ɔbaae na obia’a ada ɔba nso a kasa, ɛyɛ saa a na obia’a adwa ne mfɛfoɔ retwa video no ɔno deɛ blade na ɔtwa kwame dada se ɔyɛ too much a rapper nso ɔde ayɛ nsa; 2 cups a drunkard wɔagye ne din kakra ɛyɛ no sɛ asa ne show a ɔyɛɛ no 09 n’awoda ntɔkwa no akyi, still na akye me mane wo kra asomdwoeɛ tɛpa kuulio ɛnyɛ wo a nka kwame abɔ ka w’adaworoma, kwame dada ɛ’daadaa ne ho kwame dada se boys boys na’gye n’ani ɛnso boys de awɔ n’ani afei ɔse n’ani ate nti wɔasesa ne nanteɛ ɔne boys nkoaa na’bɛ nante ɛfiri sɛ boys akyerɛ dɔ kwame dada atwa boys bebree abɔ kwame dada ahyɛ boys bebree bɔ kwame dada kyerɛɛ girls bebree dɔ kwame dada dii girls bebree hwamɔ deɛ ɔdiiɛ a ɔkaa sɛ ɛnyɛ dɛ nea ɔdiiɛ a ɔkaa sɛ ɔmpɛ nea ɔgyee animguaseɛ maa no nea ɔguu n’anim ase who never fɔk up kwame dada too fɔk up enti mo mfa nkyɛ no ɔdɔ a na mo wɔ ma kwame dada no mo mmɔ ho mprɛnsa mfa mma me ɔtan a na mo wɔ de ma kwame dada no, mo mmɔ ho mprɛnsa mfa ma mo maame
14.
DIDI 03:35
didi bongi (a-bongi) didi sorgi (a-sorgi) didi fangi (a-fangi) didi kwame VERSE 1 di bi kwame didi kwame sɛ aduane bi yɛ wo dɛ a di bi kwame we bi kwame wewe bi kwame sɛ wo nsa ka nsa a we bi kwame na emom susu kwame to susu kwame sɛ wo nsa ka sika a sie bi kwame ma bi kwame fa bi kyɛ kwame sɛ wo nsa ka sika a ma wo maame didi bongi (a-bongi) didi sorgi (a-sorgi) didi fangi (a-fangi) didi kwame VERSE 2 sɔ bi kwame sosɔ bi kwame sɛ nhyira nsuo retɔ a sɔ bi kwame tɔ bi kwame totɔ bi kwame sɛ wohunu afɛɛfɛdeɛ a tɔ bi kwame dɔ bi kwame dodɔ bi kwame sɛ wonya wo dɔfo a twa w'ayaase to bi krakye toto bi maame sɛ me nwom yi yɛ wo dɛ a to bi ma me didi bongi (a-bongi) didi sorgi (a-sorgi) didi fangi (a-fangi) didi kwame
15.
akwadworɔ yɛmpɛ aniha yɛmpɛ yɛɛberɛ na yɛanya brɛnya ne barima korɔno yɛmpɛ kwantia yɛmpɛ yɛɛberɛ na yɛanya brɛnya ne barima brɛnya ne barima (8X) VERSE sɛ woammerɛ na wonya a wobɛberɛ, menua brɛnya ne barima ɛɛhye a na ɛɛdɛ, ɛhye wo mene mu a na ayɛ dedɛɛdedɛɛ wɔ wo yam mma woyam nhyehye wo, ɛyɛ abrabɔ. ɔbrɛ a bɔhyɛ hyɛ mu yɛnsuro adwumaden esiane sɛ yɛnkyiri anumdɛ yɛnsuro mfifire esiane sɛ yɛnkyiri asikyire Akwasi Agyei, ɔse sɛ woannya ahoɔfɛ a pɛ ahoɔden Agyei korɔ yiaa, mmotia faa no wɔ nwuramu berɛ a ɔyɛɛ asoɔden asoɔden boɔ ɛɛden kyɛne adwumaden enti Kofi Nti sɛ ɔɔdidi ne ntini ho ɔbra a nyansa wɔ mu: Brɛnya yɛɛberɛ na yɛanya nti no sɛ yɛnnyaae a yɛnnyaee sɛ baabiaa nwooe a, yɛnyaae yɛ me se Kofi Amanor, medaase. Ɔse kwame Owusu woafiri yie na emom no BRƐNYA

credits

released November 10, 2022

license

all rights reserved

tags

about

KWAME BRENYA Accra, Ghana

AKƆM: The manifestation of God through MUSIC, POETRY, STORYTELLING and DRAMA.

contact / help

Contact KWAME BRENYA

Streaming and
Download help

Report this album or account

If you like KWAME BRENYA, you may also like: