We’ve updated our Terms of Use to reflect our new entity name and address. You can review the changes here.
We’ve updated our Terms of Use. You can review the changes here.

kwabenamoa

by KWAME BRENYA

/
  • Streaming + Download

    Includes unlimited streaming via the free Bandcamp app, plus high-quality download in MP3, FLAC and more.
    Purchasable with gift card

      $3 USD  or more

about

kwabenamoa is a nobody's lover after a heartbreak. faithfulness to singleness and hardwork found him the heart of a princess.

this story is told in a highlife rhythm laced with rhythmic afrikan poetry.

lyrics

Kwabena'moa me sa m'asa a bra bɛhwɛ m'atofo
Kwabena'moa me sa m'asa a bra bɛhwɛ m'atofo
Woara nim sɛ ewiase a yɛwɔ yi obia'a ne ne dɔfo
Obia'a ne ne dɔfo oo obia'a ne ne dɔfo
Woara nim sɛ ewiase a yɛwɔ yi obia'a ne ne dɔfo
Obia'a ne ne dɔfo oo obia'a ne ne dɔfo
Kwabena'moa medi m'asa a bra bɛhwɛ m'atofo

Mmhmm...
Kuro bia'a mɛnsa wɔ mu
Fahiakɔtwe kurom, Kwabena'moa hyɛ dodom
Yɛnfa no nyɛ hwee, dondo, yɛde 'hyɛ amɔtoamu na
y'abɔ mu
Ne nnamfofoɔ du, obiaa ne ne yere
Kofifi Asiedu hyia no a na ɔ'sere
Kwabena a n'ano mmɔ nnwom
Kwabena krawa
Ne din deɛ bɛyɛ grawa
Ɔhu mmaa a na neho 'popo
Ɛyɛ anidaho, ebi nso se ɔdɔ benada
Yɛsee naanoo yiaa naanoo yiaa na ɔne Adwoa Akyaagyinagyina nkwantia
Yɛnnim deɛ ɛsii yɛ a nnora akyi awia na yɛhyiaa no a
n'adwene adi nkyimhyia
Yɛhwehwɛɛmu bisaa mu a tikya Yeboah de ne pimpinis
agye Adwoa
Oh. Ɔbɔfoɔ nhu aboa ya'foɔ mmɔbɔ nso a nka ɔsono da
hɔ yɛkum adowa
Brɛ a wɔabrɛ ne kyɛ a wɔakyɛ a ɔde anya Akyaa,
Akyaa nso abɛte n'akoma
Kwabena'moa se ɔdɔ ne nana poma
Ɛkaa awadeɛ nkoa'a nka ɔntɔ ntoma
Ɔ'yere neho de adɔ ne kookoo
Ɛmmaa no 'ba a na ɛmmerɛ no 'kɔ o

Kwabena'moa me sa m'asa a bra bɛhwɛ m'atofo
Kwabena'moa me sa m'asa a bra bɛhwɛ m'atofo
Woara nim sɛ ewiase a yɛwɔ yi obia'a ne ne dɔfo
Obia'a ne ne dɔfo oo obia'a ne ne dɔfo
Woara nim sɛ ewiase a yɛwɔ yi obia'a ne ne dɔfo
Obia'a ne ne dɔfo oo obia'a ne ne dɔfo
Kwabena'moa medi m'asa a bra bɛhwɛ m'atofo
Kwabena'moa medi m'asa a bra bɛhwɛ m'atofo
Woara nim sɛ ewiase a yɛwɔ yi obia'a ne ne dɔfo
Obia'a ne ne dɔfo oo obia'a ne ne dɔfo
Woara nim sɛ ewiase a yɛwɔ yi obia'a ne ne dɔfo
Obia'a ne ne dɔfo oo obia'a ne ne dɔfo

Mmhmm
Ɔpono bi mu to a na ɔpono bi abue
Kwabena'moa se wɔagyae mmaa akyiri die
Yɛgyee ne dɔfo mfifie nan akyire nie
Ɔne mmaa ayɛ aka nti ɔtetɛ mfifikyire
Dakoro na ɔfaa mu daa yɛ, ɔnnim deɛ ɛbaa yɛ, ɔhene
ba baa bɛpiee ne so
N'adwene ayɛ no bebree tesɛ praeɛ
Ɔhu no sɛ daeɛ nso ɛntete n'ani so
Yaa Dankwa yɛ ɔsɔɔnɔɔ
Nso ahenfifie asetena no 'sɛe no
Ɔhia bɛɛma a ɔbɛdɔ no
Wɔaka aka aka nso wɔmua no
Anadwo wei deɛ ne nyame akyɛ n'adeɛ
Ahwedeɛ, ɔ'fefem te sɛ abebeɛ
Ɔse Kwabena twe bɛn me ɛeWo koraa metee sɛ y'agye woyere
Anaa meboa
Kwabena'moa afei na wɔamoa
Ɔbɔ netiri nko, koli, kyerɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ
Ɛnyɛ hwee, ewiase obia'a ne ne dɔfo
Ma me nsa m'adowa na bɛhwɛ woyere atofo

credits

released April 15, 2022

license

all rights reserved

tags

about

KWAME BRENYA Accra, Ghana

AKƆM: The manifestation of God through MUSIC, POETRY, STORYTELLING and DRAMA.

contact / help

Contact KWAME BRENYA

Streaming and
Download help

Report this track or account

If you like KWAME BRENYA, you may also like: